audio
stringlengths 88
103
| transcription
stringlengths 48
416
|
---|---|
Adwumayɛfoɔ nsia, adwumayɛfoɔ nson a wɔreyɛ adwuma, wɔrebɔ ɛdan so. Mmienu gyina, ɛnam tete hɔ, baako akuntunu ne mu, ɛnam ɛhyehyɛ kyɛ a yɛy akokɔ sradeɛ. |
|
Baabi a yɛbu fangoo, na ɛhɔ ahye ama nwisie ɛfiri baabi reba ɛhyɛn a ɛsisi hɔ nyinaa ayɛ tumm, ɛhyɛn ne nyina ahyehye. Na lɔɔre kwan no ho no nnipa bebree nso gyinagyina hɔ a wɔrehwɛ deɛ ɛrekɔ so. |
|
Atoyerɛnkyɛm asi wɔ bea a wɔgu fangoo ɛgu ɛhyɛn mu. Bea A wɔbu fangu gu ɛhyɛn no mu no wɔ kwan ho . Egya ahyehye adan ne ɛhyɛn a ɛsi hɔ no nyinaa. ℇho ayɛ tuntum na ɛhɔ ayɛ basaa. |
|
Mmmaa mmienu ɛne sukuu nkwadaa mmiɛnsa ɛgyina kwan ho. Wɔgyina bea a wɔbu fangoo ɛgu ɛhyɛn mu anim. ℇhyɛn si hɔ a n’ahosuo ɛyɛ ahaban mono. ℇhyɛn foforɔ si hɔ a n’ahosuo ɛyɛ fitaa. Onipa baako ɛte moto so a nneɛma ɛsi n’anim. |
|
Nnipa nnum koto hɔ a nhwiren sisi wɔn anim. Wɔahyehyɛ wɔn nsa a wɔreyɛ nhwiren no ho adwuma. Nnipa no mu mmɔfra ɛyɛ mmɔfra emu mmienu nso yɛ mpanimfoɔ. Na sereɛ ɛdeda wɔn anim. |
|
Nwura mu anantwie ne gyata ne asebɔ anya ntɔkwa. Nantwie no baako da fam a gyata ne sebɔ no bɛyɛ nnan gu ne soɔ, ɛnna gyata no baako retu mmirika ba, na nwuram nantwie nkaeɛ no nso di mmirika di n'akyi. |
|
Mmabunu bi a wɔhyehyɛ ntaadeɛ tuntum tuntum a wɔhyehyɛ ɛkyɛ kɔkɔɔ a wɔkuta adeɛ a wɔatwerɛtwerɛ so a wɔreyɛ yɛkyerɛ. |
|
Efie a wɔatwerɛ ho poor governance. Oburoni fitaa gyna hɔ ɛna mmɔfra bi reyɛ Oburoni no awaawaatuu. Mmɔfra no mu baako aka ne nsa mmienu abom ɛna ɔrehwɛ baabi foforɔ. |
|
Apataa a ɛgu kyɛnsee mu bɛyɛ nnum, mmaa bi gyinagyina apataa no ho, ɛna ɔbarima bi nso a ɔhyɛ ataadeɛ a n’ahosuo no yɛ akokɔ sradeɛ gyina hɔ. Maame bi kuta apataa no bi wɔ ne nsam a wɔatwa n’ani ahwɛ n’akyi. |
|
Mmayewa binom wɔ ɛmoo fuo mu a wɔrete ɛmoo. Mmaa no binom akuntunukuntunu hɔ a ebinom nso gyinagyina hɔ. Mmma yi mu dodoɔ no ara de kyiniiɛ aktakata wɔn tiri so wɔ ɛmoo fuo no mu. |
|
Akuafoɔ binom a wɔwɔ wɔn afuom. Saa nnipa yi dodoɔ yɛ mmiɛnsa a wɔhyehyɛ wɔn adwuma ataadeɛ a n’ahosuo no yɛ akokɔ sradeɛ a wɔde nsuo repete nneɛma a wɔadua wɔadua wɔ afuo no mu hɔ no so. |
|
Papa bi te akonnwa so a ɔhyɛ kyɛ tuntum a ɔhyɛ mpaboa kakraka. Mmɔfra bi atwa ne ho ahyia. Mmɔfra no mu baako deɛ ɔsua te ne nsa so a ɔretete aduaba ahyɛ n’anom Papa bi ne ne mma a wɔahyia my. |
|
Banku a yɛabɔ no baako ne nkruma nkwan ne kawuro ɛne ɛnam a yɛatoto a ɛyɛ apataa ɛne kotɔ mmienu. Mako bunu ne bereɛ nso gugu nkwan no mu a ne nyinaa wɔ kyɛnsee fitaa mu. |
|
Kuro abɔntene a kaa ketewa baako rekɔ na mmienu nso wɔ ne benkum so. Kaa ketewa kɔkɔɔ baako nso si ne ntentensoɔ a papa bi hyɛ ataade fitaa a ɔretwam a nnipadɔm ahodoɔ nso ebi rekɔ na ebi reba. |
|
Apono atentenatenten bi si hɔ a wɔahyehyɛ nneɛma wɔ so. Ebi ne ankaa, water mellon, aborɔbɛ. Ghana frankaa ntoma sensɛn ɛpono no baako ho. Nnipadɔm a ebi yɛ mmaa ne mmarima wɔ hɔ. |
|
Ↄbaa bi wɔ ɛpo ano kuta mɔnkɔ ne apataa wɔ ne nsamu. Mɔnkɔ no kuta ne nsa nifa ɛna apataa no nso kuta ne nsa benkum wɔ ɛpo no ano. |
|
Nnipadɔm a wɔakyɛ wɔn mu mmiɛnsa na wɔn nyinaa didi so. Na wɔn mu dodoɔ no ara de adeɛ akatakata wɔn ano wɔ agoprama bi so a ɛhɔ yɛ petee mu. |
|
Nnipadɔm bebree atwa ahyia a wɔn mu bebree hyehyɛ kyɛ. Na nnoɔma a ebi yɛ kyɛ, ebi yɛ duku gu adeɛ tuntum so a ebinom de wɔn ahoma torofoɔ retwa na ebinom nso de wɔn nsa abatabata adeɛ no. |
|
ℇdan bi mu a ɛpono si hɔ na laptɔpo ɛne ahoma torofoɔ ne afidieɛ a yɛde twa mfonin ɛne nwoma a yɛabue mu ɛda pono no so. Yɛahyehyɛ nnwoma nso wɔ dan korɔ no ara mu a akonnwa bi si hɔ a biribi gu so. |
|
Nnipa binom wɔ asiieɛ a wɔrebɛsie funu a wɔkuta funu daka a n’ahosuo yɛ hoa ahosuo. Nnipa yi kuntunukumu hɔ a wɔde funu daka yi rehyɛ amena no mu . |
|
Ↄkyerɛkyerɛni bi rekyerɛ mmɔfra binom adeɛ. Ↄkyerɛkyerɛni yi kuta nwoma wɔ ne nsam a deɛ watwerɛ agu twerɛpono no so wabɔ ne mu ase de ne nsa benkum rekyerɛ so de akyerɛ mmɔfra yi. |
|
Ↄkyerɛkyerɛni bi rekyerɛ mmɔfra bi adeɛ. Ↄgyina mmɔfra no anim retwerɛ twerɛpono no so. Mmɔfra a ɔkyerɛkyerɛni no kyerɛ wɔn adeɛ no yɛ nkramofoɔ ɛna ɔkyerɛkyerɛni no nso yɛ kramoni. |
|
Ↄbaa bi ne mmarima binom redi nkutaho wɔ ɛdan bi mu. Wiemhyɛn a yɛatwerɛ ho Ghana Airforce si mmarima no anim wɔ dan korɔ no ara mu. |
|
Pileeti a aduane egu mu ɛsi hɔ. Aduane no ɛyɛ waakye a kɔkɔɔ a yɛakye ɛgu nkyɛn. Taariya, kosua ɛna atosodeɛ ɛgu nkyɛn. Hyetɔ ne frɔeɛ ɛgu so. |
|
Nnipa bi a wɔde wɔn baage abobɔ wɔn akyi ato santene a wɔrekɔ. Nnipa yi mu binom yɛ mmɔfra na ebinom nso yɛ mpanimfoɔ. Mpanimfoɔ no bi kutakuta mmɔfra no bi nsa. |
|
Nkwadaa nson a wɔyɛ mmɛɛmowaa ɛte atwedeɛ so. Bɔtɔ si wɔn anim. Akwadaa baako kita bɔtɔ baako mu. Nnwira gu wɔn anim, ekuradeɛ nso si wɔn anim. |
|
Mpanimfoɔ mmiɛnsa wɔ turo no mu. Mmienu yɛ maa ɛna baako yɛ barima. Wɔn nsa ɛnam nnwira no mu a wɔreyɛ ho adwuma. |
|
Nnipa nnum bi ɛwɔ ɛdan bi mu wɔn mu baako te hɔ. Wɔn mu mmienu kotokoto hɔ na mmienu nso ɛgyinagyina hɔ. Mienu a wɔgyinagyina hɔ no wonhunu baako anim. Wɔn a wɔkotokoto hɔ no kuta adeɛ mfitaa mfitaa te sɛ mmaa wɔ wɔn nsam. |
|
Papa bi te akonnwa so wɔ beaeɛ a wɔyi tire ɛna obi nso kuta afidie a wɔde yi tire a ɔde reyi papa no ti. Ne ɔreyi tire no hyɛ kyɛ sane hyɛ ahwehwɛniwa. |
|
Ↄbaa bi gyina abɔfra bi akyi wɔ petee mu. Abɔfra no ne ɔbaa no anim mmarima mmiɛnsa bi a baako de duku abɔ ne tiri kuta adeɛ a watene ne nsa. Ↄbarima baako nso te wɔn nkyɛn,. |
|
Mmɔfra mmienu bi baako te akonnwa so ɛna baako nso ɛte fam ɛde ne nsa asum n’abɔdwe. Deɛ ɔte akonnwa no so no kuta afee a ɔde rebɔ deɛ ɔte fam no tiri ama no. |
|
Tikyani bi rekyerɛ mmɔfra bi adeɛ. Tikyani no atene ne nsa ɛna abɔfra baako nso ama ne nsa so. Mmɔfra no bi rehwɛ baabi ɛna ebinom nso rehwɛ tikyani no wɔ Ata Kwane dan bi mu. |
|
Ↄman ahodoɔ frankaa a ɛsensɛn nnadeɛ bi so a ɛsisi hɔ. Franka no bi yɛ USA franka, Ghana frankaa, Germany franka. |
|
ℇdɔm bi atwa ahyia ɛdɔm no mu dodoɔ no ara yɛ mmɔfra. ℇpono bi si mmɔfra no bi anim a wɔn aduane sisi so a wɔredidi. Mmɔfra no nkaeɛ no reyɛ ade foforɔ, ɛna maamefoɔ binom te hɔ a mmɔfra sisi wɔn nan so. |
|
Nnipa mmiɛnsa bi soso ankaa, yɛasensene bi, ɛna yɛnsensene bi nso. Nnipa mmiɛnsa yi mu baako abɔfra hyɛ n’akyi ɛna maame bi ne wɔn gyina hɔ a redi nkɔmmɔ. |
|
Nnipa bi a wɔn nyinaa hyɛ ataadeɛ a n’ahosuo yɛ pɛ, mfitamfitaa a wɔde funu adaka asisi wɔn nan so wɔ wɔm akyi. Nnipa yi bi nso rebɔ twene ne abɛn. |
|
Ↄhene bi te pɔnkɔ so a kyiniiɛ si no so a bammɔfoɔ di ne benkum ne ne nifa. Bammɔfoɔ yi kuta pea. Bammɔfoɔ no mu baako kuta sebɔ a wɔde ahoma atoto wɔn kɔn mu. |
|
Aborɔfo mmaa mpanimfo mmienu ɛne nkwadaa mmiɛnsa ɛgyina baabi a yɛbu fuel anim. Moto bi retwam wɔ wɔn anim. Motoni bi nso gyina babi a yɛbu fuel hɔnom. Cars mmienu ɛwɔ apaake ɛwɔ baabi a yɛbu fuel ɔhɔ. |
|
Ↄbaa bi te kyinniiɛ bi ase. Kyinniiɛ baako nso wɔ ne nkyɛn. Kube sisi ɔbaa ne nkyɛn. Tadeɛ amena da ɔbaa n’anim. Na ɔte ɛpo bi ano. |
|
Mmaa bi tete hɔ a mfidie a wɔde pam nnoɔma sisi wɔn anim. Mmaa no nyinaa ani kyerɛ baabi faako a wɔrehwɛ adeɛ. Mmaa no renwenwe. Ahoma a wɔde susu adeɛ gu mmaa no baako kɔnmu. |
|
Mpanimfoɔ mmienu , ɔbaa baako ne ɔbarima baako ɛne nkwadaa mmiɛnsa ɛwɔ garden mu ɛresosɔ flowers mu. Akwadaa ɔbaa no ani agye. |
|
Dɔm bi retwam. Wɔyɛ mmaa ne mmarima. Mmaa no hyɛ ataadeɛ a n’ahosuo yɛ baako, mmarima no nso hyehyɛ mfitamfitaa. Mmaa no bi apagya wɔn nsa a wɔrema ebinom ayikoo. |
|
Papa bi ɛkoto hɔ ɛkura adeɛ bi wɔ ne nsam reyɛ adwuma ɛna nkwadaa atwa ne ho ahyia. Nkwadaa no mmienu ɛte hɔ ɛna baako abu abu nkotodwe. Deɛ ɔmo aka no ɛgyina hɔ. Akwadaa baako ɛnhyɛ ataadeɛ. Deɛ ɔmo aka no nyinaa hyɛ ataadeɛ. |
|
Ↄhene bi ne ne mpanimfoɔ ne ne dɔm rekɔ ayie bi ase. Kyinniiɛ mmienu ɛna ɛsi wɔn so. Baako yɛ kɔkɔɔ ɛna baako nso yɛ tuntum a akofena da ho. Kete nso di akyire a ɔde rekɔ ayie no ase. |
|
Mmɔfra mmienu bi ni. Baako gyina hɔ na baako te hɔ. Wɔnbaanu nyinaa kutakuta atuo a wɔgyina sisie bi anim. Mmɔfra no baako a wɔgyina hɔ na hyɛ ɛkyɛ. |
|
Nnipadɔm a wɔatwa ahyia a wɔn mu mmiɛnsa asɔ ahoma mu a wɔretwe. Wɔhyia wɔ agoprama bi so a yɛduadua nnua ahodoɔ wɔ agoprama no nyɛn. |
|
Mmɔfra bi ni. Mmɔfra no rebɔ ball wɔ agoprama bi so. Abɔfra no baako abɔ ball no akɔ soro, ɛna mmɔfra o aka no retu mmirika akɔ baal no nkyɛn. |
|
Mmɔfra bi ne maame bi ni. Twene si abɔfra no baako anim. Maame no kuta akasaa a n’ahosuo no yɛ akokɔ sradeɛ. Abɔfra no a twene no si n’anim no apagyapagya ne nsa ɔne maame no resere. |
|
Abaayewa yi hyɛ ataade tuntum ɛna wakyekyere ne tiri nnwii akɔ soro. Ↄte akonnwa so ɛna ɔremiamia ne kɔmputa no so. N’adɔkɔdɔkɔdeɛ no nso adidipono no so, ɛna ne twerɛpono no nso da adidipono no so. |
|
Mmarima bi ne mmaa binom nie. Mmarima no de ntoma fitaa asisi wɔn asene. Mmarima no mu bi soso nneɛma di akyire ɛne akonwa di wɔn anim. Mmaa no nso apagyapagya wɔn nsa wɔn tiri hwɛ soro. |
|
Asraafoɔ binom nie. Asraafoɔ no yɛ nnipa nnum. Wɔn mu baako da fam ɛna asraafoɔ no mu mmienu kotokoto hɔ. Wɔn mu mmienu nso gyinagyina hɔ a baako de ne nsa agu ne bo. |
|
Ↄbaa bi gyina hɔ asɔ ne sisi. Ↄbaa no hyɛ ahwehwɛniwa wanwee kakra. Ↄbaa ne benkum so nneɛma sisi hɔ ebi ne kuruwa ɛne abobɔdeɛ. |
|
Nnipa nnan bi tete hɔ. Wɔn mu mmienu yɛ mmarima na wɔn mu mmienu yɛ mmaa. Nnipa nan no mu baako abue buuku bi mu a ɔrehwɛ mu, mmiɛnsa no a aka no nso redi nkɔmmɔ. |
|
Beaeɛ bi a wɔtu fam agudeɛ. Afiri akɛseɛ ne mfidie ahodoɔ a wɔde yɛ adwuma no bi sisi ha. Afiri no bi ahosuo yɛ kɔkɔɔ ɛna ebi nso yɛ akokɔ sradeɛ. |
|
Adansifoɔ binom reyɛ adwuma. Wɔn mu binom hyehyɛ wɔn adwuma ataadeɛ a wɔhyehyɛ ɛkyɛ. ℇkyɛ no bi ahosuo yɛ akokɔ sradeɛ, ebi yɛ fitaa ɛna ebi yɛ ebunu. |
|
Nkwadaa mmarima mmienu gyina dua no ase rebɔ twene. Nkwadaa no a aka no deredi asa ɛwɔ amammerɛ beaeɛ hɔ. Ↄbarima panin ibi gyina hɔ rehwɛ wɔn deɛ ɛrɛkɔ so. |
|
ℇdɔm bi nie. ℇdɔm no gyinagyina hɔ a wɔn mu bi soso wɔn nnoɔma. ℇdɔm no bi yɛ mpanimfoɔ na ebinom yɛ mmɔfra. Nnoɔma soso mpanimfoɔ a wɔwɔ mu no. |
|
Abaatan yi gyina hɔ na wɔkura wɔn mma. Ↄbarima bi gyina wɔn nkyɛn rehwɛ wɔn. Ↄbaa baako ne barima bako a wɔhyɛ nkatasoɔ fitaa wɔ wɔn ataade so ɛte wɔn anim. Wɔkuta twerɛdua na wɔretwerɛ krataa a ɛyɛ akokɔ sradeɛ so so. |
|
Mmarima nwɔtwe no nyinaa nyinaa hyɛ kyɛ. Emu nnum gyinagyina mfidie no ho ɛna emu nnan asɔ mfidie no mu. Emu mmiɛnsa asosɔ ahoma no mu ɛa bako rehwɛ fam. |
|
Nnipadɔm a wɔakyɛ wɔn mu wɔ afaafa mmienu kuta ahoma mu a wɔretwe. Afa no mu baako hyehyɛ sogyafoɔ ntaadeɛ. Ebinom nso gyina hɔ a wɔrehwɛ deɛ wɔreyɛ no bi a wɔhyehyɛ batakari ne ɛkyɛ. |
|
Nnipa binom a wɔahyia a dodoɔ no ara fura ntoma fitaa. Papa bi di wɔn kan fura ntoma fitaaa kuta nsaden wɔ ne nsa nifa mu ne poma wɔ ne nsa benkum. Maame nso kuta akasamu de rekyerɛ papa n’ano. |
|
Nnipadɔm yi nyinaa ahyi rebɛgye nsuo. Obiara kita n’pampan ɛne ne grawa ɛne ne bokiti rebɛgye nsuo no bi. ℇhyɛn a ɛrebɛma wɔn nsuo no si wɔn nkyɛn. |
|
Mmɔfra nnan bi a wɔresa nsuo, mmiɛnsa yɛ mmarima ɛna baako yɛ ɔbaa. Ↄbarima baako kura bokiti baako nso kura wrɔba, ɔbaa no kura wrɔba n’ahosuo no yɛ blue. |
|
Adwumayɛfoɔ a wɔreyɛ adwuma wɔ dadeɛ bi ho. Wɔn nyinaa hyɛ ataade korɔ. Wɔn nyinaa nso ɛhyɛ ɛkyɛ fitaa. Ↄbaako akuntunu ne mu wɔ dadeɛ bi ho, ɛna ɔbaako bi nso gyina dadeɛ bi ho a ɔreyɛ adwuma. |
|
Ↄbarima bi a ɔrehyehyɛ sona panel wɔ wiem. Battery bi si ne nkyɛn. Ebi yɛ tuntum ɛna ebi nso yɛ fitaa. Ↄhyɛ singlet a wakuntunu ne mu wɔ fam. Ↄbarima bi wɔ n’akyi a n’ani hwɛ baabi. |
|
Aborɔfo bi a wɔn nyinaa hyehyɛ reflector, ebinom hyɛ ɛkyɛ fitaa ɛna ebinom nso hyɛ ɛkyɛ kɔkɔɔ. Reflector no yɛ green ɛna baako nso deɛ yɛ orange. Ↄbaako apagya ne tiri kɔ wiem a wabae n’anom, ebinom hwɛ no a wɔresere. |
|
ℇdan bi a abubu ɛwɔ ha. Ntaaboɔ bebree abuibu gu fam hɔ. ℇdan ne fa no a aka no ɛyɛ fitaa ahoma tuntum bi nso a yɛabobɔ ɛda fam hɔ. |
|
Maame panimu bi a ɔkita sekan te ne muka ase beaeɛ, na ɔde gyabidie na ɛnoa n’aduane. |
|
Mmaa ne mmarima bi a wɔredware wɔ nsuo mu. Wɔn mu dodoɔ no ara ayiyi wɔn ataade soro. mmɔfra nso ka ho a wɔredwaere wɔ nsuo ne mu. Ebinom hyɛ ataade soro wɔn uyinaa ho afɔ. |
|
Ↄbarima bi a kɔmputa si n’anim de kaade bi rema abranteɛ bi a a baage bɔ n’akyi. Wɔn nyinaa adeɛ bobɔ wɔn ano. Ↄbaa bi nso gyina abranteɛ a baage bɔ n’akyi no nkyɛn a adeɛ bɔ n’ano. |
|
ℇdan ketewa bi mu a yɛasosɔ nkannea wɔ hɔ. ℇdan no mu yɛ fitaa. Water closet bi nso wɔ fam hɔ a yɛakata so. Cupboard bi nso ɛwɔ water closet ne nkyɛn a ɛyɛ fitaa. |
|
Maamefoɔ bi a wɔatwa ahyi. Ebinom hyehyɛ kyɛ, ɛna ebinom nso bɔ duku. Baako so bɔtɔ bi a ne ba hyɛ n’akyi. Maame baako nso kura nsuo. |
|
Hall bi a yɛasiesie mu kama. ℇpono bi wɔ mfimfini a nkonnwa atwa ho ahyia. ℇpono no soro no nhwiren bi si so, nkyɛnmu nso yɛde mfonin bi asi ɛdan ho wɔ hɔ. |
|
Ↄbaa bi ne mmɔfra bi rebɔ nnwom. Ↄbaa no rebɔ guitar, abɔfra baako nso rebɔ guitar. Abɔfra baako nso donno bi si ne so, ɛna baako nso kura mmaa. |
|
Aborɔfo a wɔretɔn ɛnam wɔ dwam. Kyinniiɛ bebree bi sisi hɔ a ɔmanfoɔ wɔ aseɛ. Barima bako gyina hɔ a ɔhyɛ ataadeɛ kɔkɔɔ na baako nso hyɛ tuntum gyina n’anim, ɛna ɛnam wɔ adeɛ so sisi wɔn anim. |
|
Ↄbaa bi kura ɛkoraa a nsuo wɔ mu. Mmɔfra mmienu bi te kukuo so wɔ n’anim. Ↄbaa no rehwie nsuo no gu abɔfra no baako tiri mi. Wɔn nyinaa resere. |
|
Sukuufoɔ a wɔredi agorɔ. Emu mmienu rebɔ ampe, ɛna nkaeɛ no gyina akyire a wɔrehwɛ wɔn. Ebi wɔn mu dodoɔ no yɛ mmaa ebi nso yɛ mmarima. Kaa mmienu bi nso si wɔn akyi. |
|
Mmranteɛ ne mmabaawa bi ɛwɔ ɛdan bi mu. Ebinom tete akonnwa bi so wɔ ɛpono bi ho. Ebinom de adeɛ akata wɔn ano. Ebinom nso de adeɛ akyekyere wɔn tiri ho. Ebinom tete akonnwa so a wɔkura mobile phone. |
|
Nnipadɔm bi atwa ahyia wɔ ɛdan bi mu a wɔgyinagyina hɔ. Asogyafoɔ nso wɔ wɔn ntam. Adeɛ a yɛto aba wom nso sisi hɔ. Ebinom rekasakasa. |
|
Adansifoɔ bi a wɔresi dan. Ebinom te ɛdan no soro, ebinom nso gyina fam a wɔapagyapagya nnua de akɔ soro. Ebinom hyɛ kyɛ ɛna ebinom nso nhyɛ kyɛ. |
|
Ↄbarima bi te akonnwa so a computer si ne so. Eahyɛ solar panel bi wɔ ne nkyɛn wɔ akonnwa bi so, ɛna yɛahyehyɛ baatere ɛwɔ akonnwa no so. |
|
ℇdan bi a yɛasiesie mu kamakama nkonnwa ɛwom. Akonnwa no ahosuo yɛ ash. ℇpono bi wɔ mfimfini a yɛahyehyɛ akonnwa wɔ aseɛ. ℇpono no so nso adeɛ si so a aduaba bi wom. |
|
Mmaayewa nnan bi gyina ɛdan bi anim. Wɔn nyinaa kura nneɛma bi. Ↄbaako abɔ ne ti atentenatenten. Wɔn a aka no nso tiri nnwii no deda hɔ. |
|
Mmaa mmienu bi a wɔde atadeɛ ketewa bi asi wɔn asene mu gyina hɔ. Wɔahata nneɛma wɔ ahoma bi so, ɛnna wɔgyina ho. Nkokɔ bi nso gyina wɔn anim a wɔresosɔ. |
|
Abɔfra a ɔhyɛ ataade fitaaa ne mpaboa akokɔ sradeɛ na ne tiri ho mpɛsɛmpɛsɛ no rebɔ twene wɔ abɔnten. Mmɔfra ne mpanimfoɔ atwa ne ho ahyia rehwɛ deɛ ɛrekɔ soɔ no. |
|
ℇwɔ lɔɔre kwan kɛseɛ bi mu., adan akɛseɛ bebree sisi hɔ na kaa mmienu anya. Kaa no baako yɛ kɔkɔɔ baakɔ nso yɛ fitaa. Fitaa no so kakra sene kɔkɔɔ no. Na kɔkɔɔ no anima moa ama fitaa no nso so anim ne nkyɛn nyinaa amoa a nnipa kakra gyina hɔ ɛrehwɛ. |
|
Mpaboa bebiree a yɛahyehyɛ ɛna ɛg ɛwɔ hɔ . Na mpamboa no wɔayɛ no te sɛ ɛsoro no wɔayɛ no te sɛ afrafrantɔ. Coluors no yɛ ahodoɔ bebree ɛna ɛwɔ mpaboa no so. |
|
Nkonnwa atwa konka wɔ ɛdan no mu, summiɛ deda nkonnwa no mu. Adidipono si nkonnaw no mfimfini. Pot a nhwiren hyɛ mu si adidipono no sos. TV bɔ dan no mu na kannea dua ɛsi TV no nkyɛn. |
|
Mmabaawa mmiɛnsa wɔwɔ ɛpo ho, na emu mmienu te pɔnkɔ so. a abranteɛ baako asɔ pɔnkɔ n’ahoma mu a ɔdi anim a ɔretwi wɔn. Mmabaawa no nso baako deɛ ɔnam fam a ɔdi akyire, pɔntɔ no akyi a ɔde ne nsa aka pɔnkɔ no. |
|
Nnipakuo yi reyi yikyerɛ. Ebinom kutakuta twerɛpono a yɛatwerɛtwerɛ nsɛmfua a ɛha wɔn ɛne deɛ wɔpɛsɛ amanfoɔ hunu ne deɛ nti a wɔreyɛ yikyere ɛwɔ so. |
|
Mmarima no a wɔn ho ayɛ atɛkyɛ no bi gyinagyina atɛ no mu wɔ mfidie no anim ɛna ebi nso gyinagyina mfidie no akyi. Nsuo fi bi da mfidie no akyi. Ↄbarima no a ɔhyɛ ataade tuntum no gyina nsuo fi no mu, ɛna ɔbarima no a ɔhyɛ ataade kɔkɔɔ ne ɛkyɛ kɔkɔɔ no asa nsuo fi no bi agu apampan mu. |
|
Nnipadɔm bebree nenam dwam hɔ. ℇhyɛn ahodoɔ nso sisi dwam hɔ. Twerɛpono a nkratoɔ ahodoɔ bobɔ soɔ no nso sisi dwam no mu hɔ. Kyinniiɛ nso sisi beaeɛ a ɛdwamfoɔ mmaa tɔ nneɛma no. |
|
Mmarima bi a wɔreboaboa efi ano wɔ ɛpo ano. Wɔn mu bi hyɛ ataade fitaa, na wɔn mu bi nso kuta adeɛ a wɔde reboaboa nwura no ano. Wɔaboaboa nwura no bi nso agu rɔba tuntum bi mu. |
|
Asubɔntene bi da kwaeɛ kɛseɛ bi nkyɛn mu. ℇfa a ɛbɛn asubɔntene no ho na asono bi akɔ adidie. |
|
Mmaa adwadifoɔ bi te wɔn adwa ho. Wɔahyehyɛ wɔn nnɔbaeɛ no kamakama. Nnɔbaeɛ no bi te sɛ gyeene, carrot, akutu, aborɔbɛ ne nea ɛkeka ho. |
|
Nnipakuo no a wɔgyinagyina ɛdan no a emu ayɛ basaa no mu no hyehyɛ nkataso fitaa a ɛkyɛ wɔ so no wɔ wɔn ataade so. Mmaayewa mmienu akuntunu wɔn mu gyina adamudwa no anim, ɛna opoosini bi gyina kaneadua no ho wɔ mmaa no nkyɛn. |
|
Nsɛntwerɛfoɔ no bi tete akonnwa so ɛna ebi nso gyinagyina wɔn akyi retwa mfonin. Nsɛntwerɛni a ɔhyɛ ataade bibire na ɔbɔ tie na ɔkuta mike no asɔre agyina hɔ rekasa gu mike no mu. |
|
Abranteɛ no a ɔhyɛ ataade fitaa ne mpaboa fitaa ne kyɛ no kuta atere ne adɔkɔdɔkɔdeɛ de rema abranteɛ no a ɔhyɛ ataade tuntum no. Abranteɛ bi nso hyɛ ataade fitaa gu n’ataade so abu nkotodwe wɔ wɔn nkyɛn. |
|
Mmranteɛ no a baako hyɛ ataade kɔkɔɔ na baako nso hyɛ trasa tuntum ne akwadaa abarimaa no gyinagyina gɔta kɛseɛ no nkyɛn. Efi gugu gɔta no nsuo no mu. Mpatadan bi nso si gɔta no nkyɛn. |
|
Nnipa binom tete yoma so a wɔato santene wɔ akwaweɛ bi so. Wɔn akyi no, nnadeɛ bi sisi hɔ a yɛaka ho mfitamfifitaa. Nnipa bi tete yoma no so na ebinom nam fam. |
End of preview. Expand
in Dataset Viewer.
README.md exists but content is empty.
- Downloads last month
- 39